Università La Sapienza
From Wikipedia, the free encyclopedia
Università La Sapienza' (it: Università degli Studi di Roma "La Sapienza") yε university a ɛwɔ Roma, Italy.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sapienza University of Rome , a yɛsane nso frɛɛ no sɛ Sapienza[1][2] anaa sɛ University of Rome, a nkane no na wɔfrɛ no sɛ Università degli Studi di Roma "La Sapienza", ɛyɛ research university a wobɛhu no wɔ Rome, Italy. ɛyɛ suapɔn akɛseɛ a ɛwɔ amanone a ɛwɔ adesuafoɔ dodoɔ no mu baako.[3] na ɛsane nso yɛ suapɔn a anyini na akyɛ yie pa ara wɔ abakwasɛm mu, a wɔtee no wɔ afe apem ahaasa ne mmiensa (1303) mu.
Yɛbɔ Sapienza University of Rome abaso sɛ ɛyɛ a suapɔn obiara pɛ sɛ ɔkɔgye nteteeɛ wɔ mu no mu baako wɔ wiase nyinaa, mpɛn pii no wɔgye abasobɔdeɛ sɛ suapɔn a ɔdi kan a wabɔ ne ho mmɔden wɔ Italy ɛne Southern Europe nyinaa.[4] wɔ afe mpem mmienu ne duwɔtwe (2018) , afe mpem mmienu ne dunkron (2019) ɛne afe mpem mmienu ne aduonu baako (2021) mu no, wɔgye abasobɔdeɛ sɛ suapɔn a ɔdi kan a wabɔ ne ho mmɔden wɔ wiase nyinaa sɛ ɛba classics and ancient history adesua mu a.[5][6]