University of Cambridge
From Wikipedia, the free encyclopedia
University of Cambridge(pronounciation of "University of Cambridge" (help·info)) yε university a ɛwɔ Cambridge, United Kingdom.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
University of Cambridge ɛyɛ collegiate research suapɔn a ɛwɔ Cambridge, United Kingdom. wɔtee saa suapɔn yi wɔ afe apem ahaanu ne nkron mu (1209)[1] ɛna ne nsa kaa ne royal charter firii owura Henry III nkyɛn wɔ afe apem ahaanu ne aduasa baako (1231) mu, Cambridge suapɔn no yɛ suapɔn a anyini na akyɛ yie a ɛtɔ so mmienu ɛwɔ English-speaking world , ɛna ɛsane nso yɛ wiase nyinaa suapɔn a ɛtɔ so nan a anyini na kyɛ yie pa ara.[2] suapɔn yi mu adesuafoɔ a ɛdi kan no nyinaa firii University of Oxford mu na ɛbae wɔ berɛ a na asuafoɔ no ne kuromanfoɔ no anya ntawantawa bi.[3] saa suapɔn akɛseɛ mmienu yi nyinaa a wɔyɛ ancient universities yi wɔ nnoɔma ahodoɔ bi a wɔn nyinaa yɛ a, ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na mpɛm pii no yɛtae frɛ wɔn mmienu yi sɛ Oxbridge. Yɛbɔ Cambridge abaso sɛ ɛyɛ suapɔn obiara pɛ sɛ ɔkɔgye nteteeɛ wɔ mu no mu baako wɔ wiase nyinaa.