University of Oxford
From Wikipedia, the free encyclopedia
University of Oxford(pronounciation of "University of Oxford" (help·info)) yε sukuupɔn a ɛwɔ Oxford, United Kingdom.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
University of Oxford ɛyɛ collegiate research university a ɛwɔ Oxford, England. ɛwɔ nnoɔma a ɛdi adanseɛ sɛ wɔ afe apem ne aduokron nsia (1096)[1] mu nyinaa na adesuafoɔ kɔ suapɔn no mu kɔgye nteteeɛ. ɛno nti ɛma no yɛ suapɔn a anyini na akyɛ yie pa ara wɔ English-speaking world ɛna ɛsane nso yɛ wiase nyinaa suapɔn a ɛtɔ so mmienu a akyɛ yie pa ara a.[1][2][3] ɛhyɛɛ ne dwumadie ase de firi afe apem ɔha ne aduosia nson mu (1167) berɛ a Henry II hyɛɛ sɛ ɛngrɛsi adesuafoɔ ntumi nkɔgye nteteeɛ wɔ University of Paris bio no.[2]
Berɛ a ntawantawa bɛtɔɔ Oxford adesuafoɔ ne Oxford kuromanfoɔ no ntam wɔ afe apem ahaanu ne nkron mu no (1209), adesuafoɔ no bi kɔɔ Cambridge ɛhɔ na wɔkɔtee suapɔn a wɔfrɛ no sɛ University of Cambridge.[4] Saa suapɔn akɛseɛ mmienu yi nyinaa a wɔyɛ ancient universities yi wɔ nnoɔma ahodoɔ bi a wɔn nyinaa yɛ a, ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na mpɛm pii no yɛtae frɛ wɔn mmienu yi sɛ Oxbridge. Yɛbɔ University of Oxford abaso sɛ ɛyɛ a suapɔn obiara pɛ sɛ ɔkɔgye nteteeɛ wɔ mu no mu baako wɔ wiase nyinaa.[5]